🌐 Kasa
'Olelo Hawai'iAfaan Oromoobahasa IndonesiaBrezhonegCebuanoChamorroChichewachiShonaChongthuCiyawoDanskDeutschEestiEnglishEspañolEsperantoeʋegbeFrançaisHausaHrvatskiIgboIlocanoItalianoKikuyuKiswahiliKiyombiKreyòl AyisyenLatinaLatviešulietuviųLingálaLugandaMagyarMahasuiMāoriNederlandsNorskPohnpeianPolskiPortuguêsQach’abelRomaniRomânăSetswanaShqipsrpski jezikSuomiSvenskaTagalogTiếng ViệtTonganTwiTürkçeYorùbáÍslenskaČeštinaбеларускаяБългарскиРусскийУкраїнськаעבריתئۇيغۇرچەاردوالعربيةفارسیكوردی سۆرانیअहिराणी‎नेपालीभद्रवाही‎मराठीमानक हिन्दी‎संस्कृत भाषाहरियाणवी‎অসমীয়াবাংলাਪੰਜਾਬੀગુજરાતીଓଡ଼ିଆ‎தமிழ்తెలుగుಕನ್ನಡമലയാളംไทยဗမာἙλληνική中文日本語한국어+ Kasa nyinaa
See More Jesus
Twi

Bible Ka Dɛn Fa Papa Ne Bɔne Ho? — Fa a Ɛto So Mmienu — Bible Nsɛmmisa

Bible Nsɛmmisa

Bible Ka Dɛn Fa Papa Ne Bɔne Ho? — Fa a Ɛto So Mmienu — Bible Nsɛmmisa

Kyerɛwsɛm biara a ɛwɔ ase yi, paw deɛ saa nkyekyɛmu no kyerɛ. Wo nkontaabu bɛda adi awiei.

Eyi ne nsɛmmisa a wɔbu ho akontaa. Twa na woanya kredit a ɛkɔ wo Ɔsom Adanseɛ Krataa no so.

Hebrifoɔ 5:14 — Aduane a ɛyɛ den yɛ ma mpanimfoɔ a wɔatete wɔn na wɔahunu ________ a ɛda papa ne bɔne ntam.
ahobrɛaseɛ
mmɔden
nsonsonoeɛ
2 Korintofoɔ 11:3 — Mesuro sɛ wɔbɛsɛe mo ________ na mo a mode mo ho nyinaa ama Kristo no, mobɛgyae sɛdeɛ ɔwɔ no nam anifire so daadaa Hawa no.
adwene
bebree
afuo
1 Yohane 2:16 — Biribiara a ɛyɛ ewiase dea, honam ________, deɛ nnipa hunu na wɔn kɔn dɔ, biribiara a ɛwɔ ewiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, emu biara mfiri Agya no. Ne nyinaa firi ewiase.
amaneɛ
amane
akɔnnɔ
Marko 7:21 — Afei, deɛ ɛfiri nnipa akoma mu ba no, ɛde ________, korɔno, awudie
ahobrɛaseɛ
komm
adwamammɔ
Yeremia 17:9 — Akoma yɛ nnaadaa sen adeɛ nyinaa na ano nni ________. Hwan na ɔbɛte nʼase?
ɔsebɔ
aduro
nneyɛɛ
Yesaia 7:15 — Ɔbɛdi ________ ani sradeɛ ne ɛwoɔ ɛberɛ a wahunu deɛ ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa deɛ ɛyɛ.
prɛko
nufosuo
nsateaa
Mmɛbusɛm 3:7 — Nnye wo ho nni sɛ ________ onyansafoɔ suro Awurade na kyiri bɔne.
tena
woyɛ
woka
Nnwom 37:27 — Twe wo ho firi bɔne ho na yɛ ________ na wobɛtena asase no so afebɔɔ.
anɔpa
papa
owia
1 Ahemfo 3:9 — Ɛno enti, ma wʼakoa nhunumu akoma a ɔbɛtumi de adi wo nkurɔfoɔ so, na ɔbɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam ________. Na hwan koraa na ɔno nko ara bɛtumi adi saa ɔman a wɔdi mu, a wɔyɛ wo dea yi so?”
nsonsonoeɛ
ahobrɛaseɛ
ntenesoɔ
Hebrifoɔ 5:13 — Obiara a ________ yɛ ma no da so yɛ abadomaa a ɔnnim deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ.
adansefoɔ
mfasoɔ
nufosuo
1 Petro 3:11 — Ɛsɛ sɛ ɔte ne ho firi bɔne ho na ɔyɛ ________ na ɔti asomdwoeɛ akyi na ɔdi akyire.
ewiase
papa
ɔsoro
Romafoɔ 12:21 — Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa ________ nni bɔne so.
ewiase
dua
papa
Nnwom 34:14 — Twe wo ho firi bɔne ho, na yɛ ________; hwehwɛ asomdwoeɛ na ti no.
papa
anɔpa
owia
Romafoɔ 5:19 — Na sɛdeɛ ɛnam ɔbaakofoɔ ________ so enti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no, saa ara nso na onipa baako setie enti, wɔbɛyɛ bebree teneneefoɔ.
twetia
mmɔden
asoɔden
Adiyisɛm 2:7 — Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no bi. Wɔn a wɔadi ________ no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua a ɛwɔ Onyankopɔn paradise hɔ.
da
nkonim
hyerɛn
Ɔsɛnkafoɔ 4:12 — Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛ nanso baanu tumi pere wɔn ti. Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ________.
ntɛm
aboɔ
dii
1 Yohane 3:8 — Deɛ ɔkɔ so yɛ bɔne no yɛ ɔbonsam dea, ɛfiri sɛ, ɔbonsam firi ahyɛaseɛ pɛɛ na ɔyɛɛ bɔne. Saa asɛm yi enti na Onyankopɔn Ba no baeɛ. Ɔbaeɛ sɛ ɔrebɛsɛe ɔbonsam ________.
mmaransɛm
aban
nnwuma

← San Kɔ Adesua No So