🌐 Kasa
'Olelo Hawai'iAfaan Oromoobahasa IndonesiaBrezhonegCebuanoChamorroChichewachiShonaChongthuCiyawoDanskDeutschEestiEnglishEspañolEsperantoeʋegbeFrançaisHausaHrvatskiIgboIlocanoItalianoKikuyuKiswahiliKiyombiKreyòl AyisyenLatinaLatviešulietuviųLingálaLugandaMagyarMahasuiMāoriNederlandsNorskPohnpeianPolskiPortuguêsQach’abelRomaniRomânăSetswanaShqipsrpski jezikSuomiSvenskaTagalogTiếng ViệtTonganTwiTürkçeYorùbáÍslenskaČeštinaбеларускаяБългарскиРусскийУкраїнськаעבריתئۇيغۇرچەاردوالعربيةفارسیكوردی سۆرانیअहिराणी‎नेपालीभद्रवाही‎मराठीमानक हिन्दी‎संस्कृत भाषाहरियाणवी‎অসমীয়াবাংলাਪੰਜਾਬੀગુજરાતીଓଡ଼ିଆ‎தமிழ்తెలుగుಕನ್ನಡമലയാളംไทยဗမာἙλληνική中文日本語한국어+ Kasa nyinaa
See More Jesus
Twi

Bible Ka Ɛdeɛn Fa Abotare Ho? — Ɛfa 2 — Bible Nsɛmmisa

Bible Nsɛmmisa

Bible Ka Ɛdeɛn Fa Abotare Ho? — Ɛfa 2 — Bible Nsɛmmisa

Kyerɛwsɛm biara a ɛwɔ ase yi, paw deɛ saa nkyekyɛmu no kyerɛ. Wo nkontaabu bɛda adi awiei.

Eyi ne nsɛmmisa a wɔbu ho akontaa. Twa na woanya kredit a ɛkɔ wo Ɔsom Adanseɛ Krataa no so.

Hebrifoɔ 10:36 — Ɛsɛ sɛ moto mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn ________ ama mo nsa aka deɛ wɔahyɛ mo ho bɔ no.
apɛdeɛ
ahonya
nimdeɛ
Hebrifoɔ 12:1 — Yɛn deɛ, yɛwɔ adansefoɔ bebree a wɔatwa yɛn ho ________. Momma yɛntwe yɛn ho mfiri akwansideɛ nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn dendeenden no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho wɔ mmirikakansie a ɛda yɛn anim no.
ahyia
ewiem
ɔda
Luka 21:19 — Na sɛ motumi gyina pintinn a, mobɛnya nkwa a ________ awieeɛ.”
ewiem
nnomaa
ɛnni
Hebrifoɔ 6:12 — Yɛmpɛ sɛ moyɛ aniha. Na mmom, yɛpɛ sɛ yɛhunu mo sɛ agyidifoɔ a mowɔ ________ na mo nsa aka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no.
mmɔden
boasetɔ
nkuran
Nnwom 37:7 — Yɛ ________ wɔ Awurade anim na to wo bo ase twɛn no, nha wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yie ho ɛfiri sɛ wɔnam bɔne akwan so.
ntɛm
hare
komm
Hiob 13:15 — Ɛwom sɛ ɔkumm me deɛ, nanso ne so na mʼani bɛda; ________ ara mɛdi mʼakwan ho adanseɛ wɔ nʼanim.
mfasoɔ
nwanwa
ampa
Romafoɔ 5:3 — Afei, yɛn haw mu nso, yɛn ani gye, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ ɔhaw de ________ ba,
boasetɔ
anigyeɛ
twetia
Yakobo 1:4 — Momma ________ no ntena mo mu daa nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛyɛ pɛ a biribiara ho renhia mo.
adanseɛ
boasetɔ
amane
2 Petro 1:5 — Esiane saa enti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛeɛ a ɛho teɛ nka mo ________ ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛeɛ a ɛho teɛ ho;
gyidie
sene
ɛsɛ

← San Kɔ Adesua No So