🌐 Kasa
'Olelo Hawai'iAfaan Oromoobahasa IndonesiaBrezhonegCebuanoChamorroChichewachiShonaChongthuCiyawoDanskDeutschEestiEnglishEspañolEsperantoeʋegbeFrançaisHausaHrvatskiIgboIlocanoItalianoKikuyuKiswahiliKiyombiKreyòl AyisyenLatinaLatviešulietuviųLingálaLugandaMagyarMahasuiMāoriNederlandsNorskPohnpeianPolskiPortuguêsQach’abelRomaniRomânăSetswanaShqipsrpski jezikSuomiSvenskaTagalogTiếng ViệtTonganTwiTürkçeYorùbáÍslenskaČeštinaбеларускаяБългарскиРусскийУкраїнськаעבריתئۇيغۇرچەاردوالعربيةفارسیكوردی سۆرانیअहिराणी‎नेपालीभद्रवाही‎मराठीमानक हिन्दी‎संस्कृत भाषाहरियाणवी‎অসমীয়াবাংলাਪੰਜਾਬੀગુજરાતીଓଡ଼ିଆ‎தமிழ்తెలుగుಕನ್ನಡമലയാളംไทยဗမာἙλληνική中文日本語한국어+ Kasa nyinaa
See More Jesus
Twi

Dɛn Na Ɛsɛ Sɛ Meyɛ Na Wɔagye Me Nkwa? — Ɛtena Ase Yiye — Bible Nsɛmmisa

Bible Nsɛmmisa

Dɛn Na Ɛsɛ Sɛ Meyɛ Na Wɔagye Me Nkwa? — Ɛtena Ase Yiye — Bible Nsɛmmisa

Kyerɛwsɛm biara a ɛwɔ ase yi, paw deɛ saa nkyekyɛmu no kyerɛ. Wo nkontaabu bɛda adi awiei.

Eyi ne nsɛmmisa a wɔbu ho akontaa. Twa na woanya kredit a ɛkɔ wo Ɔsom Adanseɛ Krataa no so.

Romafoɔ 6:17 — Nanso, yɛda Onyankopɔn ase! Ɛfiri sɛ, berɛ bi a atwam no a na moyɛ bɔne nkoa no, mode mo akoma nyinaa tiee ________ a wɔde maa mo no.
nkyerɛkyerɛ
kunu
yɔnko
Asomafoɔ 2:42 — Daa na wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa ________ asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpaeɛ.
sua
Dodo
Goliat
Luka 8:15 — Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde akoma pa tie asɛmpa no, na wɔdi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho ________.
awadeɛ
srɛɛ
adanseɛ
Yosua 1:8 — ________ saa Mmara Nwoma yi ɛberɛ biara. Dwene ho awia ne anadwo sɛdeɛ ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔatwerɛ wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yie.
Dodo
Sua
Sema
Hebrifoɔ 10:24 — Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ ________.
papa
ogya
ɛpo
Romafoɔ 13:11 — Ɛsɛ sɛ woyɛ yei, ɛfiri sɛ, wonim ________ a wowɔ mu. Ɛberɛ aduru sɛ wosɔre firi wo nna mu. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa no abɛn sene ɛberɛ a yɛgye dii kane no.
kuro
afuo
mmerɛ
Luka 14:28 — “Mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔsi ________ a ɔrentena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ sika a ɔde bɛwie?
nnwuma
mmaransɛm
aban
Adiyisɛm 7:9 — Yei akyi no, mehunuu ________ a obiara ntumi nkan wɔn dodoɔ. Wɔfifiri aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu a wɔgyinagyina ahennwa no ne Odwammaa no anim a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa, kurakura berɛ.
ɔfasuo
amanaman
nnipakuo
Luka 9:23 — Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi na daa ɔnsoa nʼasɛnnua na ________ mʼakyi.
ɛboɔ
nsɛm
ɔnni
Hebrifoɔ 5:8 — Ɛwom sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba deɛ, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ________.
mmɔden
ahobrɛaseɛ
akokoɔduru

← San Kɔ Adesua No So