🌐 Language
'Olelo Hawai'iAfaan Oromoobahasa IndonesiaBelarusianBrezhonegCebuanoChamorroChichewachiShonaChongthuCiyawoDanskDeutschEestiEnglishEspañolEsperantoeʋegbeFrançaisHausaHrvatskiIgboIlocanoItalianoKikuyuKiswahiliKiyombiKreyòl AyisyenLatinaLatviešulietuviųLingálaLugandaMagyarMahasuiMāoriNederlandsNorskPohnpeianPolskiPortuguêsQach’abelRomaniRomânăSanskritSetswanaShqipsrpski jezikSuomiSvenskaTagalogTiếng ViệtTonganTwiTürkçeUyghur tiliYorùbáÍslenskaČeštinaБългарскиРусскийУкраїнськаעבריתاردوالعربيةفارسیكوردی سۆرانیअहिराणी‎नेपालीभद्रवाही‎मराठीमानक हिन्दी‎हरियाणवी‎অসমীয়াবাংলাਪੰਜਾਬੀગુજરાતીଓଡ଼ିଆ‎தமிழ்తెలుగుಕನ್ನಡമലയാളംไทยဗမာἙλληνική中文日本語한국어+ Kasa nyinaa
See More Jesus
Twi

Ɛdeɛn na Bible Ka Fa Nyansa Ho? — Fa 2 — Bible Nsɛmmisa

Bible Nsɛmmisa

Ɛdeɛn na Bible Ka Fa Nyansa Ho? — Fa 2 — Bible Nsɛmmisa

Kyerɛwsɛm biara a ɛwɔ ase yi, paw deɛ saa nkyekyɛmu no kyerɛ. Wo nkontaabu bɛda adi awiei.

Eyi ne nsɛmmisa a wɔbu ho akontaa. Twa na woanya kredit a ɛkɔ wo Ɔsom Adanseɛ Krataa no so.

Mmɛbusɛm 1:7 — Awurade suro yɛ nimdeɛ ahyɛaseɛ, na ________ bu nyansa ne ahohyɛsoɔ animtiaa.
akunafoɔ
sikakɔkɔɔ
nkwaseafoɔ
1 Ahemfo 3:9 — Ɛno enti, ma wʼakoa nhunumu akoma a ɔbɛtumi de adi wo nkurɔfoɔ so, na ɔbɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam ________. Na hwan koraa na ɔno nko ara bɛtumi adi saa ɔman a wɔdi mu, a wɔyɛ wo dea yi so?”
nsonsonoeɛ
ahobrɛaseɛ
ntenesoɔ
1 Korintofoɔ 1:25 — Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sene nnipa nyansa, na saa ara nso na deɛ ɛyɛ sɛ ɛyɛ ________ wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sene nnipa ahoɔden.
ɛho
twetia
mmerɛ
1 Korintofoɔ 3:19 — Ɛfiri sɛ, deɛ ewiase bu no nyansa no yɛ asɛm a aba nni mu wɔ Onyankopɔn ani so. ________ no ka sɛ, “Ɔkyere anyansafoɔ wɔ wɔn aniteɛ mu.”
Atwerɛsɛm
mmara
ahonhommɔne
Yakobo 3:15 — Saa nyansa yi mfiri ɔsoro na ɛbaeɛ. Ɛyɛ ________ nyansa na ɛyɛ honhommɔne nso.
bɔne
ɔman
ewiase
Yakobo 3:17 — Nanso, nyansa a ɛfiri ɔsoro no yɛ kronkron; ________ wɔ mu, ɛdwo na ɛwɔ nidɔ; ɛwɔ ahummɔborɔ na nneyɛeɛ pa firi mu ba; ɛnnye akyinnyeɛ na ɛnyɛ nyaatwom nso.
animuonyam
mfasoɔ
asomdwoeɛ
1 Korintofoɔ 1:24 — nanso Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo yɛ Onyankopɔn ________ ne Onyankopɔn nyansa.
aba
tumi
ɛsɛ
Mmɛbusɛm 3:13 — ________ nka onipa a ɔhunu nyansa, onipa a ɔnya nteaseɛ
Nhyira
ɔsɛeɛ
ahodoɔ
Mmɛbusɛm 3:18 — Ɔyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu; wɔn a wɔkura ne mu no bɛnya ________.
nhyira
amanehunu
ahodoɔ
Mmɛbusɛm 4:7 — Nyansa boro biribiara so; enti ________ nyansa. Ɛwom sɛ ne boɔ te sɛ wʼahodeɛ nyinaa deɛ nanso nya nteaseɛ.
hwehwɛ
hia
kora
Yakobo 3:13 — Obi wɔ mo mu a ɔnim nyansa na ɔwɔ nteaseɛ? Ɛsɛ sɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ________ ne nyansa so da no adi.
nsonsonoeɛ
ahobrɛaseɛ
nyamesom
Nnwom 111:10 — Awurade suro yɛ nyansa mfitiaseɛ; wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so nyinaa wɔ ________ pa. Ɔno na daa ayɛyie wɔ no.
nhunumu
ɔyaredɔm
mpaeɛ
Ɔsɛnkafoɔ 4:12 — Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛ nanso baanu tumi pere wɔn ti. Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ________.
ntɛm
aboɔ
dii
Mateo 12:42 — Atemmuo da no, ________ Ɔhemmaa bɛsɔre atia ɔman yi ɛfiri sɛ, ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso, deɛ ɔsene Salomo no wɔ ha.
Usia
Seba
Abia

← San Kɔ Adesua No So