🌐 Kasa
'Olelo Hawai'iAfaan Oromoobahasa IndonesiaBrezhonegCebuanoChamorroChichewachiShonaChongthuCiyawoDanskDeutschEestiEnglishEspañolEsperantoeʋegbeFrançaisHausaHrvatskiIgboIlocanoItalianoKikuyuKiswahiliKiyombiKreyòl AyisyenLatinaLatviešulietuviųLingálaLugandaMagyarMahasuiMāoriNederlandsNorskPohnpeianPolskiPortuguêsQach’abelRomaniRomânăSetswanaShqipsrpski jezikSuomiSvenskaTagalogTiếng ViệtTonganTwiTürkçeYorùbáÍslenskaČeštinaбеларускаяБългарскиРусскийУкраїнськаעבריתئۇيغۇرچەاردوالعربيةفارسیكوردی سۆرانیअहिराणी‎नेपालीभद्रवाही‎मराठीमानक हिन्दी‎संस्कृत भाषाहरियाणवी‎অসমীয়াবাংলাਪੰਜਾਬੀગુજરાતીଓଡ଼ିଆ‎தமிழ்తెలుగుಕನ್ನಡമലയാളംไทยဗမာἙλληνική中文日本語한국어+ Kasa nyinaa
See More Jesus
Twi

Bible Ka Dɛn Fa Papa Ne Bɔne Ho? — Fapem No — Bible Nsɛmmisa

Bible Nsɛmmisa

Bible Ka Dɛn Fa Papa Ne Bɔne Ho? — Fapem No — Bible Nsɛmmisa

Kyerɛwsɛm biara a ɛwɔ ase yi, paw deɛ saa nkyekyɛmu no kyerɛ. Wo nkontaabu bɛda adi awiei.

Eyi ne nsɛmmisa a wɔbu ho akontaa. Twa na woanya kredit a ɛkɔ wo Ɔsom Adanseɛ Krataa no so.

Hebrifoɔ 5:14 — Aduane a ɛyɛ den yɛ ma mpanimfoɔ a wɔatete wɔn na wɔahunu ________ a ɛda papa ne bɔne ntam.
ahobrɛaseɛ
mmɔden
nsonsonoeɛ
5 Mose (Deuteronomium) 30:15 — Montie, ɛnnɛ, mede nkwa ne ________, owuo ne ɔsɛeɛ asi mo anim.
mfasoɔ
nkɔsoɔ
asomdwoeɛ
Mika 3:1 — Afei mekaa sɛ, “Montie, mo Yakob ntuanofoɔ, mo sodifoɔ a mowɔ Israel efie. Ɛsɛ sɛ mohunu deɛ ɛyɛ ________
tene
ngo
atɛntenenee
Mmɛbusɛm 1:24 — Nanso, sɛ moyii mo ________ ɛberɛ a mefrɛɛ mo na amfa obiara ho ɛberɛ a metenee me nsa mu
twe
kora
aso
Mmɛbusɛm 1:29 — Esiane sɛ wɔkyirii ________ na wɔampɛ sɛ wobɛsuro Awurade.
aduane
nimdeɛ
anigyeɛ
Yeremia 4:22 — “Me nkurɔfoɔ yɛ ________; wɔnnim me. Wɔyɛ mma a wɔnni adwen; wɔnte hwee ase. Wɔwɔ bɔneyɛ ho nyansa; na wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ papa.”
nkwaseafoɔ
akunafoɔ
afidie
Yeremia 13:23 — Etiopiani bɛtumi asesa nʼahosuo anaa? Na ________ nso bɛtumi asesa ne ho nsisimu no? Saa ara na worentumi nyɛ papa, wo a bɔneyɛ akokwa wo.
akodie
ɔsebɔ
nhahan
Mmɛbusɛm 4:14 — Ntu wo nan nsi ________ kwan so na nnante abɔnefoɔ kwan so.
mpa
akuafoɔ
amumuyɛfoɔ
Mmɛbusɛm 4:18 — Teneneefoɔ kwan te sɛ adekyeɛ ________ a ɛdi ɛkan, ɛkɔ so hyerɛn yie kɔduru awia ketee.
hann
mframa
anwummerɛ
1 Mose (Gyenesis) 3:1 — Na ɔwɔ yɛ ________ wɔ wiram mmoadoma a Awurade Onyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbaa no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Enti, ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Monnni turo yi mu aduaba biara?’”
ɔdaadaafoɔ
nsakyimena
haw
1 Mose (Gyenesis) 3:6 — Ɛberɛ a ɔbaa no hunuu sɛ dua a ɛsi mfimfini no so aba no wɔdi a, ɛbɛyɛ yie, na ɛyɛ akɔnnɔ, na afei ɛte ani no, ɔtee bi diiɛ, de bi ma ne ________ a na ɔne no wɔ hɔ maa ɔno nso diiɛ.
adwuma
kunu
mman
1 Mose (Gyenesis) 3:8 — Ɛda no anwummerɛ, wɔtee Awurade Onyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu. Enti, Adam ne ne yere ________ de wɔn ho kɔsiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn renhunu wɔn.
Hawa
Yared
Basmat
1 Mose (Gyenesis) 3:9 — Enti, Awurade Onyankopɔn frɛɛ ________ bisaa no sɛ, “Mowɔ he?”
Nahor
Noa
Adam
Nnwom 56:3 — Sɛ mebɔ hu a, mede me ho ________ wo so.
ahyia
ngo
bɛto
1 Mose (Gyenesis) 8:20 — Afei, ________ sii afɔrebukyia maa Awurade. Ɔfaa mmoa ne nnomaa a wɔn ho te, de bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so.
Sela
Noa
Hawa
Mmɛbusɛm 3:13 — ________ nka onipa a ɔhunu nyansa, onipa a ɔnya nteaseɛ
Nhyira
ɔsɛeɛ
ahodoɔ
Mmɛbusɛm 3:18 — Ɔyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu; wɔn a wɔkura ne mu no bɛnya ________.
nhyira
amanehunu
ahodoɔ
Mmɛbusɛm 4:23 — Ne nyinaa akyi, bɔ wʼakoma ho ban, ɛfiri sɛ, ɛno ne wo nkwa ________.
asutire
mfasoɔ
nnaadaa
Yohane 1:29 — Adeɛ kyeeɛ a ________ hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn no, ɔteaam kaa sɛ, “hwɛ, Onyankopɔn Dwammaa a ɔyi ewiase bɔne korɔ no!
Elia
Yohane
Andrea

← San Kɔ Adesua No So