Dɛn na Bible Ka Fa Ahosodwoɔ (Ahomɔdenden) Ho? — Fapem no — Bible Nsɛmmisa
Kyerɛwsɛm biara a ɛwɔ ase yi, paw deɛ saa nkyekyɛmu no kyerɛ. Wo nkontaabu bɛda adi awiei.
Eyi ne nsɛmmisa a wɔbu ho akontaa. Twa na woanya kredit a ɛkɔ wo Ɔsom Adanseɛ Krataa no so.
1 Ahemfo 21:20 — Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ, “Woahunu me, me ________.” Ɔbuaa sɛ, “Aane maba bio ɛfiri sɛ, woatɔn wo ho ama ɔbɔnefoɔ no wɔ Awurade ani so.
awɛmfoɔ
ɔtamfoɔ
akoa
2 Petro 2:15 — Wɔamane afiri ɛkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɛkwan a ________ ba Bileam a ne sika a ɔnya de yɛ bɔne no kɔfaa so no so.
Imer
Beor
Gera
Hebrifoɔ 5:8 — Ɛwom sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba deɛ, nanso ɔnam nʼamanehunu so suaa ________.
mmɔden
ahobrɛaseɛ
akokoɔduru
Filipifoɔ 2:8 — Ɔbrɛɛ ne ho ase, yɛɛ ɔsetie, de kɔduruu owuo mu, ________ ho owuo mu mpo.
wɔfrɛ
asɛnnua
kyekyeree
Hebrifoɔ 12:16-17 — Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ odwamanfoɔ ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn sɛ ________ a ɔbuu nʼani guu nʼagyapadeɛ so tɔnee nʼabakan de gyee aduane no.
Esau
Elia
Yohane
Ɔsɛnkafoɔ 4:12 — Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛ nanso baanu tumi pere wɔn ti. Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ________.
ntɛm
aboɔ
dii
1 Yohane 2:16 — Biribiara a ɛyɛ ewiase dea, honam ________, deɛ nnipa hunu na wɔn kɔn dɔ, biribiara a ɛwɔ ewiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, emu biara mfiri Agya no. Ne nyinaa firi ewiase.
amaneɛ
amane
akɔnnɔ
Romafoɔ 5:19 — Na sɛdeɛ ɛnam ɔbaakofoɔ ________ so enti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no, saa ara nso na onipa baako setie enti, wɔbɛyɛ bebree teneneefoɔ.
mmɔden
twetia
asoɔden
2 Petro 1:6 — na momfa ahohyɛsoɔ nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛsoɔ ho; na momfa ________ pa nka mo boasetɔ ho;
nyamesom
akokoɔduru
agyimisɛm
1 Ahemfo 21:7 — Ne yere Isebel bisaa sɛ, “Wonyɛ Israelhene anaa? Sɔre na didi! Mma yei nha wo. Mɛgye ________ bobeturo no ama wo!”
Anatot
Geba
Nabot
1 Ahemfo 21:25 — (Obiara nni hɔ a ɔtɔn ne ho maa bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ Ahab yɛeɛ no, ɛfiri sɛ, ne yere ________ tuu no fo bɔne.
Maaka
Isebel
Yael
1 Samuel 15:24 — Na Saulo ka kyerɛɛ ________ sɛ, “Mayɛ bɔne. Manni Awurade ahyɛdeɛ ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na mesuro nnipa no enti na meyɛɛ wɔn apɛdeɛ maa wɔn no.
Yonatan
Abner
Samuel
1 Korintofoɔ 9:25 — Obiara a ɔsi agodie mu ________ no siesie ne ho di mmara so. Ɔyɛ saa sɛdeɛ ɔbɛnya ahenkyɛ a ɛrenkyɛre, nanso yɛn deɛ yi deɛ, ɛbɛkyɛ akɔsi daapem nyinaa.
Uria
akan
Gehasi
Mateo 4:4 — Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia ________ ne Onyankopɔn asɛm.’”
ɛrenkyɛre
titire
mmuada
Mmɛbusɛm 16:32 — Deɛ ɔwɔ abodwokyerɛ no yɛ sene ɔkofoɔ, na deɛ ɔmfa ________ yɛ sene deɛ ɔko fa kuropɔn.
abufuo
ahoɔden
ɔsomfoɔ
Mmɛbusɛm 25:28 — Onipa a ________ ahohyɛsoɔ no te sɛ kuropɔn a nʼafasuo abubu agu fam.
ɔnni
adwini
nwera
Hebrifoɔ 12:1 — Yɛn deɛ, yɛwɔ adansefoɔ bebree a wɔatwa yɛn ho ________. Momma yɛntwe yɛn ho mfiri akwansideɛ nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn dendeenden no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho wɔ mmirikakansie a ɛda yɛn anim no.
ahyia
ewiem
ɔda
← San Kɔ Adesua No So