🌐 Language
'Olelo Hawai'iAfaan Oromoobahasa IndonesiaBelarusianBrezhonegCebuanoChamorroChichewachiShonaChongthuCiyawoDanskDeutschEestiEnglishEspañolEsperantoeʋegbeFrançaisHausaHrvatskiIgboIlocanoItalianoKikuyuKiswahiliKiyombiKreyòl AyisyenLatinaLatviešulietuviųLingálaLugandaMagyarMahasuiMāoriNederlandsNorskPohnpeianPolskiPortuguêsQach’abelRomaniRomânăSanskritSetswanaShqipsrpski jezikSuomiSvenskaTagalogTiếng ViệtTonganTwiTürkçeUyghur tiliYorùbáÍslenskaČeštinaБългарскиРусскийУкраїнськаעבריתاردوالعربيةفارسیكوردی سۆرانیअहिराणी‎नेपालीभद्रवाही‎मराठीमानक हिन्दी‎हरियाणवी‎অসমীয়াবাংলাਪੰਜਾਬੀગુજરાતીଓଡ଼ିଆ‎தமிழ்తెలుగుಕನ್ನಡമലയാളംไทยဗမာἙλληνική中文日本語한국어+ Kasa nyinaa
See More Jesus
Twi

Bible Ka Dɛn Fa Mmɔborɔhunu Ho? — Fa 2 — Bible Nsɛmmisa

Bible Nsɛmmisa

Bible Ka Dɛn Fa Mmɔborɔhunu Ho? — Fa 2 — Bible Nsɛmmisa

Kyerɛwsɛm biara a ɛwɔ ase yi, paw deɛ saa nkyekyɛmu no kyerɛ. Wo nkontaabu bɛda adi awiei.

Eyi ne nsɛmmisa a wɔbu ho akontaa. Twa na woanya kredit a ɛkɔ wo Ɔsom Adanseɛ Krataa no so.

2 Mose (Ɛksodɔs) 34:6 — Awurade faa nʼanim frɛɛ no kaa sɛ, “Me, Awurade, Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ a me bo kyɛre fu na mewɔ ________ na medi nokorɛ nso;
ɔdɔ
komm
nkyɛmu
Nnwom 86:15 — Nanso wo, Ao Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn, wo bo kyɛre fu, na ________ ne wo nokorɛ dɔɔso.
nokorɛdie
amanehunu
wʼadɔeɛ
Nehemia 9:17 — Wɔantie, na wɔankae wʼanwanwadeɛ a woyɛ maa wɔn no. Mmom, wɔyɛɛ dɔm yii ntuanoni sɛ ɔnsane mfa wɔn nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Misraim. Nanso, woyɛ ɔfakyɛfoɔ, ahummɔborɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn a wo bo kyɛre fu na ________ dɔɔso. Woannyaa wɔn
mpatadeɛ
nokorɛdie
wʼadɔeɛ
Nnwom 103:8 — Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne Awurade, ne bo kyɛre fu na ________ dɔɔso.
atɛn
ɔgye
nʼadɔeɛ
Mika 7:19 — Wobɛhunu yɛn ________ bio, wobɛtiatia yɛn bɔne so, na woato yɛn amumuyɛ agu ɛpo bunu mu.
werɛ
mmɔbɔ
hwehwɛ
5 Mose (Deuteronomium) 4:31 — Ɛfiri sɛ, mo Awurade mo Onyankopɔn no yɛ mmɔborɔhunu Onyankopɔn. Ɔrennya mo na ɔrensɛe mo anaa ne ________ remfiri apam a ɔne mo agyanom pameeɛ a ɔkaa ntam sii so no.
abufuo
werɛ
hwɛ
Mika 6:8 — Ɔde deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, Ao onipa. Na ɛdeɛn na Awurade hwehwɛ afiri wo hɔ? Yɛ adetenenee, hunu afoforɔ mmɔbɔ, na wo ne wo Onyankopɔn nnante ________ mu.
ahobrɛaseɛ
nsonsonoeɛ
nokorɛdie
Hosea 6:6 — Mepɛ ahummɔborɔ na ɛnyɛ afɔrebɔ, mepɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ ________.
mmara
Afahyɛ
afɔdeɛ
Sakaria 7:9 — “Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ, ‘Mommu ________ a ɛyɛ nokorɛ na monnya ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ mma mo ho mo ho.
atɛn
frɛ
nkwa
Mmɛbusɛm 28:13 — Onipa a ɔkata ne bɔne soɔ no nnya nkɔsoɔ, na deɛ ________ ne bɔne na ɔgyae yɛ no nya ahummɔborɔ.
ɔka
bɔ
gya
Nnwom 51:1 — Ao Onyankopɔn hunu me mmɔbɔ, sɛdeɛ ________ a ɛnsa da no teɛ; wʼahummɔborɔ kɛseɛ no enti, pepa me mmarato.
nokorɛdie
anigyeɛ
wʼadɔeɛ
Luka 18:13 — “Saa ɛberɛ no na ________ no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, hunu me ɔdebɔneyɛfoɔ mmɔbɔ!’
efiewura
ɔtogyeni
abususɛm
Hebrifoɔ 4:16 — Momma yɛnsi yɛn bo na yɛmmra Onyankopɔn ________ a adom wɔ mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔborɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn ɛberɛ a ɛsɛ mu.
nkyerɛkyerɛ
nan
ahennwa
Yoɛl 2:13 — Sunsuane wʼakoma na ɛnnyɛ wo ntadeɛ mu. Sane bra Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔdomfoɔ, ne ________ yɛ. Ne bo kyɛre fu na ne dɔ boro so, na ɛnnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso.
kane
adwinneɛ
yam
Yona 4:2 — Ɔbɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, ɛberɛ a na mewɔ fie no, ɛnyɛ sei na mekaeɛ? Yei enti na meperee sɛ medwane akɔ ________ no, ɛfiri sɛ na menim sɛ, woyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunu Onyankopɔn a wo bo kyɛre fu, na wodɔ boro so. Woyɛ Onyankopɔn a ɔtwentwɛnee ne nan ase wɔ bɔne amanehunu ho.
Tarsis
Ninewe
Ekron
Nnwom 145:8 — Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ; ne bo kyɛre fu na ________ dɔɔso.
atɛn
ɔgye
nʼadɔeɛ

← San Kɔ Adesua No So